Psalms 29

Dawid dwom.


1 Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde,
momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

2 Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no;
monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.


3 Awurade nne wɔ nsu no so;
anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu,
Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.

4 Awurade nne mu wɔ tumi;
Awurade nne mu wɔ anuonyam.

5 Awurade nne bubu sida;
Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete

6 Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba,
na Sirion nso sɛ ɛko ba.
7 Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.

8 Awurade nne wosow sare so;
Awurade wosow Kades sare.

9 Awurade nne kyinkyim adum
na ɛma kwae yɛ kwaterekwa.
Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se,
“Anuonyam nka Onyankopɔn!”


10 Awurade di hene wɔ nsuyiri so;
wɔasi Awurade hene afebɔɔ.

Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden,
na ɔde asomdwoe hyira wɔn.

Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano.

11
Copyright information for TwiAKNA